Mark 4

Ogufo ho bɛ

1Bere a ogu so rekyerɛkyerɛ no, nnipadɔm san betwaa ne ho hyiae wɔ mpoano hɔ. Eyi nti, ɔkɔtenaa ɔkorow mu toaa ne nkyerɛkyerɛ no so. 2Na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔnam mmebu so kasa kyerɛɛ wɔn. Baako a ɔkae ne sɛ,

3“Da bi, okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. Ogu so regu aba no no, 4aba no bi guu kwankyɛn maa nnomaa bɛsosɔw ne nyinaa dii. 5Ebi nso koguu ɔbotan bi so. Nanso, dɔte a ɛwɔ so no nnɔɔso. 6Ankyɛ na efifii, nanso esiane sɛ dɔte a ɛwɔ ɔbotan no so no nnɔɔso no nti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyewee. 7Aba no bi nso guu nsɔe mu, maa nsɔe no kyekyeree no enti antumi ansow aba. 8Aba no bi guu asase pa mu, maa ebi nyin sow mmɔho aduasa, ebi aduosia, ɛnna afoforo nso mmɔho ɔha! 9Sɛ mowɔ aso a, muntie!”

10Akyiri yi a ɛkaa ɔne Dumien no ne asuafo afoforo bi no, wobisaa no se, “Asɛm a wokae no, ase ne dɛn?”

11Obuaa wɔn se, “Mo de, wɔada Onyankopɔn ahenni ho ahintasɛm adi akyerɛ mo. Nanso, afoforo de, wɔka no abebu mu na ɛkyerɛ wɔn. 12Esiane saa nti, ‘wohu, na wɔte nanso wɔrente nea wɔte no ase, na wɔrennan mma Onyankopɔn nkyɛn, na wɔremfa wɔn bɔne nso nkyɛ wɔn.’ 13Na sɛ moante saa bɛ yi ase a, ɛbɛyɛ dɛn na moate mmɛ ahorow a merebebu no ase?

Yesu kyerɛ bɛ no ase

14“Okuafo a mekaa ne ho asɛm no gyina hɔ ma obiara a ɔde Onyankopɔn asɛm no kɔma afoforo. Ɔregu aba pa no wɔ wɔn mu. 15Aba a eguu kwankyɛn no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, nanso sɛ wɔte asɛm no a, ntɛm so, ɔbonsam ba wɔn nkyɛn, na wɔn werɛ fi nea wɔate no nyinaa. 16Aba a eguu ɔbotan so no gyina hɔ ma nnipa a wɔde anigye tie asɛm no. 17Nanso, wɔte sɛ aba a afifi foforo a ne ntini nkɔ fam. Mfitiase no, wɔkɔ so fɛfɛɛfɛ, nanso sɛ ɛba sɛ asɛm no nti, ɔtaa anaa amanehunu bi to wɔn pɛ, na wɔapa abaw.

18“Aba a eguu nsɔe mu no nso gyina hɔ ma nnipa a wɔte Asɛmpa no, 19nanso ɛnkyɛ koraa na wiase yi mu afɛfɛde ne ahonyade ne ɔbra yi mu dadwene, nnaadaa ne nneɛma bi ho akɔnnɔ abɛhyɛ wɔn koma mu. Eyi nti, asɛm no ntumi nsow aba biara.

20“Aba a eguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm no, na wɔsow aba bebree. Nnipa no bi sow mmɔho aduasa. Ebi nso sow aduosia, na afoforo nso sow ɔha.”

Kanea ho mfaso

21Afei Yesu bisaa wɔn se, “Moahu obi a ɔsɔ kanea na ɔde hyɛ mpa ase anaasɛ ɔde ahina butuw so? Dabida. Wɔrenhu kanea no hyerɛn anaa wɔrentumi mfa nyɛ hwee. Wɔde kanea si petee mu na ahyerɛn ma ɛho aba mfaso.

22“Da bi, nea ahintaw saa bere yi no nyinaa bɛda adi. 23Nea ɔwɔ aso a obetie no, ma ontie. 24Momfa asɛm a mote no nyɛ adwuma. Moyɛ eyi ansa a na mobɛte nea meka kyerɛ mo no ase. 25Nea ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho; nea onni ahe bi no, kakraa a ɔwɔ no mpo, wobegye afi ne nsam.”

Aba a ɛno ankasa fifi

26Yesu san buu bɛ foforo faa Onyankopɔn ahenni no ho se, “Ɛte sɛ okuafo bi a okoduaa aburow wɔ nʼafum.

27“Ogyaw nʼaburowfuw no hɔ kɔe a wanhwɛ, nanso aburow no nyinyinnii a onnim ɔkwan a ɛnam so nyinii. 28Asase no na ɛmaa aburow no fifii, yii ahaban, turuu mma, nyinii, hoae, 29maa okuafo no faa ne dade bebuu aburow no.”

Onyaa aba ho bɛ

30Yesu bisae se, “Dɛn ho na mede ɔsoro ahenni no bɛto? Dɛn na menka mfa nkyerɛkyerɛ mu? 31Ɛte sɛ onyaa aba ketewaa bi. 32Ɛwom, ɛyɛ aba ketewaa bi de, nanso sɛ enyin a, ɛka nnutan akɛse no ho. Eyiyi abaa atenten ma nnomaa yɛ wɔn birebuw wɔ so.”

33Abebu a ɛtete sɛ eyinom na ɔde kaa asɛm kyerɛɛ wɔn. 34Ɔnam abebu so na ɔkasa kyerɛɛ wɔn a wobetiee no no nyinaa, na sɛ ɛka ɔne nʼasuafo no nko a, ɔkyerɛ wɔn ne nyinaa ase.

Yesu brɛ ahum ase

35Eduu anwummere no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Momma yentwa nkɔ asuogya nohɔ.” 36Ɔkaa saa no, wogyaw nnipadɔm no hɔ na ɔne wɔn kɔe a akorow foforo di wɔn akyi. 37Prɛko pɛ, ahum kɛse bi tui, maa asorɔkye bu bɛkɛtaa ɔkorow no so, ma ɛyɛɛ sɛ ɛremem. 38Saa bere no, na Yesu wɔ ɔkorow no to de ne ti ato sumii so ada. Asuafo no de ahopopo ne nteɛteɛm konyanee no kae se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛreyɛ amem yi, ɛmfa wo ho?”

39Ɔsɔre teɛteɛɛ mframa no ka kyerɛɛ po no se, “Yɛ komm!” Mframa no gyaee, na po no yɛɛ dinn!

40Yesu bisaa wɔn se, “Adɛn na moyɛ ahufo saa? Adɛn, munnye me nni anaa?”

41Na wɔn ho dwiriw wɔn yiye, bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa bɛn ni a mframa ne po mpo tie no yi?”

Copyright information for TwiNAK